Sarkodie — Hope (Brighter Day)

Слушать Sarkodie — Hope (Brighter Day)

Текст Sarkodie — Hope (Brighter Day)

Yeah
Jah, Mr. J, baby
Ahuh, yeah

Tebea a wote mu biara, wowɔ nkwa deaa mma w’abamu ‘mbu’
Nsuo bɛtɔ, na nsuo no te a awia bɛbɔ nti mɛnsu
Sɛ wiase koraa bɛpo wo, na abusuafoɔ bɛyi wo ama a
Twereduampɔn se N’ani wɔ Ne mma so, mma w’akoma ntu
Osu a woresu, awerɛhoɔ a ‘woredie’ yi, nea worefa mu nyinaa
Ɛboro wo so, ano ‘ɔhye paa nti ‘yɛ a wonni akoma a
Yɛn Nyankopɔn wɔ ahummɔborɔ kɛseɛ ma Ne mma
Okristoni ho ntɔɔ no deaa ɔda a ɔnna

Ɔtoo me pono m’atamfo anim, ‘ɛmmrɛ’ a menni anidaso
Ɔsɔɔ me nsa de me twaa po kɔkɔɔ, wannyaa me kwan so
Sɛ saa Nyame yi Ɔdaso te ase deaa w’ani da hwan so?
Tetebotan, Wayɛ bi pɛn, Ɔdaso gyina Ne nan so
Ɛmfa w’ani nto wiase
Wo Nyankopɔn no te ase
Ogyidini bɛhwe ase
Mprɛ aduasa w’anim bɛgu ase

Nnipa bɛsere wo na, wonyɛɛ hwee koraa na yɛretwe w’ase
Ne nyinaa ara mu wobu nkotodwe a ka sɛ, «Nyame meda’ase»
‘Sɛneɛ’ Ɔkɛseɛ tumi bɛda adi nti no
Nsɔhwɛ bebree bɛto wo so kae baabi a wofi’ no
Yɛkyerɛɛ wo dunsini bi fie nanso wodan w’akyi no
Mebɔ mpaeɛ wonsa bɛka wodeɛ wɔ Yesu din mu
Obedebepɔnbede

Nsɔhwɛ no deɛ ɛbɛba na mma w’aba mu mmu
Gyina pintin na mma w’akoma ntu
Deɛ ɔde ne ho to Nana Nyame so
Ade nyinaa ara di boa no, na ewie no yie
Nsɔhwɛ no deɛ ɛbɛba na mma w’abamu mmu
Gyina pintin na mma w’akoma ntu
Deɛ ɔde ne ho to Nana Nyame so
Ade nyinaa ara di boa no, na ewie no yie

You’ve been looking for someone
To take your sorrows all away
One to hold you tight and say
Everything’s gon’ be okay
Kae sɛ ɔbrɛ a worebrɛ nyinaa
W’amanehunu a wonam mu yi a
Ɛnyɛ ‘dɛn’ a ɛtoɔ bɛtwa
Hold on to your faith

There will be a brighter day
Brighter day
Brighter day
Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o
There will be a brighter day
Brighter day
Brighter day
Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ (yeah) brɛ kwa o (yeah)

Ɔkaa’ N’asɛm mu sɛ Ɔyɛ N’adeɛ wɔ Ɔno ara ne mmerɛ mu
Ɛda a Ne ngosra no bɛba no, ɛtoa so mmienu mmienu
Ɔgyina w’akoma mu pono no rebɔ m’
Fa anigyie fa bie no
Sika a worepɛ nti na woresu yi
Obi anɔpa yi yɛasie no
Wiase agyapadeɛ ma ɔdasani nte Nyankopɔn ase
Sika a yɛpɛ nti ‘yɛ a na akristofoɔ koraa nya ntoboaseɛ

Ɔse Nyankopɔn yɛ nsɛnkyerɛnee na mente W’ase
Boniayɛfoɔ, nsɛnkyerɛnee ne sɛ woda so te ase
Asɔfoɔ de wiase afɛɛfɛdeɛ no reha asɔre mma
Woantɔ kaa na woansi dan na sɛ, obiara nte wo nka
Kyerɛ sɛ wiase mu a wobaaeɛ deɛ na wobaa no kwa
Nea ɔte sika mu nso ɔhia yafunu awo ba
Nea yɛde reyɛ Nyankopɔn, nka wo a nka ɛnyɛ wo ya?
Wo deɛ fa no sɛ mfie bebree a wode ahwɛ wo ba

Wohwɛɛ no school, ‘ɛmaa no aduane sanso bɔɔ ne ho ka
Na wanyin’ abɛka akyerɛ wo sɛ, «Daa, woaha me papa»
Ah, saa ara na yɛma Nyankopɔn di yaw
Nhyira ne w’akoma na ɛnyɛ wo sika o
Akristofoɔ sɛ y’ani bɛsɔ nea yɛwɔ a
Ɛbɛyɛ Nyame fɛ, Ɔno ankasa bɛhyira wo
Obedebepɔnbede

There will be a brighter day
Brighter day
Brighter day
Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o
There will be a brighter day
Brighter day
Brighter day
Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o, oh, oh

Menim sɛ ‘ɛberɛ’ a yɛyɛ nnipa no deɛ (yɛyɛ nnipa no deɛ)
Wiase atwetwesie ne ammaneɛ, ne ɔhaw, abu yɛ’kɔn deɛ
Saa ara na ɛteɛ
Na kae sɛ, ɔbra yi yɛ ɔko o
Ntwɛtwɛdɛ ne nisuo
Wowɔ nkwa a, wowɔ ade o
Na berɛ nyinaa, keep hope alive

Nsɔhwɛ no deɛ ɛbɛba na mma w’aba mu mmu
Gyina pintin na mma w’akoma ntu
Deɛ ɔde ne ho to Nana Nyame so
Ade nyinaa ara di boa no, na ewie no yie
Nsɔhwɛ no deɛ ɛbɛba na mma w’aba mu mmu
Gyina pintin na mma w’akoma ntu
Deɛ ɔde ne ho to Nana Nyame so
Ade nyinaa ara di boa no, na ewie no yie

You’ve been looking for someone
To take your sorrows all away
One to hold you tight and say
Everything’s gonna be okay
Kae sɛ ɔbrɛ a worebrɛ nyinaa
W’amanehunu a wonam mu yi a
Ɛnyɛ ‘dɛn’ a ɛtoɔ bɛtwa
Hold on to your faith

There will be a brighter day
Brighter day
Brighter day
Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o
There will be a brighter day
Brighter day
Brighter day
Onyame nkum wo a, ɔteasefoɔ brɛ kwa o, oh, oh